Luke 14

Yesu sa yare homeda

1Homeda bi, Farisini panyin bi too nsa frɛɛ Yesu adidi. Adidi no ase hɔ no, na wɔn a wɔahyia no nyinaa rehwɛ nea Yesu bɛyɛ. 2Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyare ahonhon.

3Yesu bisaa Farisifo no ne mmaranimfo a na wɔwɔ hɔ no se, “Mmara ma ho kwan sɛ wɔsa yare homeda anaa?”

4Wɔammua no. Enti Yesu soo ɔyarefo no mu saa no yare, gyaa no kwan.

5Yesu bisaa wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa se, “Mo mu hena na sɛ nʼafurum tɔ abura mu homeda a ɔrennyi no da no ara?”

6Nanso wɔatumi ammua no. 7Afei Yesu hui sɛ, nnipa a wɔfrɛɛ wɔn adidi no ase no mu biara pɛe sɛ ɔtena mpanyin tenabea no, obuu wɔn bɛ bi se, 8“Sɛ obi to nsa frɛ wo apontow ase a, mpere wo ho nkɔtena mpanyin tenabea, efisɛ, ebia na wato nsa afrɛ onipa titiriw bi a ɔsen wo. 9Sɛ ɛba saa a, nea ɔtoo nsa frɛɛ wo no betu wo afi agua a wote so no so de ama nea ɔsen wo no na wode aniwu akɔtena akyiri baabi.

10“Enti sɛ obi hyia wo apontow ase a, kɔtena akyiri baabi na sɛ nea ohyiaa wo no behu wo a, waka akyerɛ wo se, ‘Onua, sɔre na kɔtena mpanyin tenabea.’ Ɛno bɛma woanya anuonyam wɔ nnipa a wɔahyia hɔ no nyinaa anim. 11Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”

12Afei Yesu ka kyerɛɛ Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no no se, “Sɛ wotow pon a mfrɛ wo nnamfo, wo nuanom, wʼabusuafo ne asikafo a wo ne wɔn bɔ fipam nko ara; sɛ woyɛ saa a, wɔn nso bɛto nsa afrɛ wo bi na ɛba saa a, na wonyɛɛ hwee. 13Na sɛ wotow pon a, hyia ahiafo, mmubuafo, mpakye ne anifuraefo. 14Esiane sɛ wontumi nyɛ saa bi mma wo no nti, ɛda a atreneefo bɛsɔre afi awufo mu no, Onyankopɔn behyira wo.”

Apontow kɛse bi ho bɛ

15Wɔn a wɔte adidii no mu baako tee nea Yesu kae no, ɔkae se, “Nhyira ne nea obedidi wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu.”

16Yesu buaa no se, “Da bi ɔbarima bi tow pon kɛse hyiaa nnipa bebree. 17Bere soe no, ɔsomaa ne somfo bi sɛ ɔnkɔfrɛ wɔn a wɔahyia wɔn no sɛ wɔmmra. 18Nanso wɔn nyinaa yiyii wɔn ho wɔn ho ano. Nea odi kan no yii ne ho ano se, ‘Matɔ asase a ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔhwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’ 19Na ɔfoforo nso yii ne ho ano se, ‘Matɔ anantwi du a mede wɔn bɛyɛ mʼafuw a ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔsɔ wɔn hwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’ 20Ɔfoforo bi nso yii ne ho ano se, ‘Afei na maware, enti merentumi mma.’

21“Ɔsomfo no san bɛbɔɔ ne wura no amanneɛ no, ɔde abufuw somaa no bio se, ‘Ka wo ho kɔ mmɔnten so ne mmantam na kɔfrɛfrɛ ahiafo, mmubuafo, anifuraefo ne mpakye se wɔmmra.’ 22Ɔsomfo no kɔfrɛfrɛɛ nnipa no bae, nanso na afa da so wɔ hɔ ara.

23“Ɛno nti, owura no san somaa no se, ‘Kɔ akwan so ne mfikyiri na frɛ obiara a wubehu no no se, matow pon, enti wɔmmra. 24Na merema woate ase sɛ, nnipa a metoo nsa hyiaa wɔn no mu biara nni hɔ a mʼaduan yi bi bɛka nʼano da biara da.’ ”

Yesu akyidi

25Da bi a na nkurɔfo akuwakuw bi di Yesu akyi no, ɔdan ne ho ka kyerɛɛ wɔn se, 26“Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a, ɛsɛ sɛ ɔdɔ me sen nʼawofo, ne yere, ne mma, ne nuanom ne nʼankasa ho, anyɛ saa a, ɔrentumi nyɛ me suani. 27Obiara a odi mʼakyi na ontumi nnyina amanehunu ano no, rentumi nyɛ me suani.

28“Mo mu hena na ɔpɛ sɛ osi aban a ɔrentena ase nsese nhwɛ sɛ ɔwɔ sika a ɔde bewie? 29Anyɛ saa na ɔhyɛ ɔdan no ase na wantumi anwie a, wɔn a wohu no nyinaa bɛserew no, 30aka se, ‘Onipa yi fitii ase sɛ ɔresi dan, nanso wantumi anwie’.

31“Anaasɛ ɔhene bɛn na okita asraafo ɔpedu na ɔrekohyia ɔsahene foforo a okita asraafo ɔpeduonu a, ɔrenkari ne ho nhwɛ ansa na wakɔ akono? 32Na sɛ ɔhwɛ na ɔrentumi nso a, ansa koraa na ɔsahene foforo no bɛbɛn no no, otu abɔfo kohu no, srɛ no sɛ, ɔmma wonsiesie wɔn ntam na asomdwoe mmra.

33“Ɛno nti, obiara a wampa ne ho akyi no rentumi nyɛ me suani.

34“Nkyene yɛ dɛ. Na sɛ ɛyera ne dɛ a, ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ dɛ bio? 35Ɛho nni mfaso ma biribiara. Wɔbɛtow agu. ‘Nea ɔwɔ aso a obetie no, ontie.’ ”

Copyright information for TwiNAK